Micah 1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika* ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho. 2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,
montie, asase ne mo a mote so nyinaa.
Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,
ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu. 3Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;
ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so. 4Mmepɔ nane wɔ nʼase,
mmɔnhwa mu paepae
te sɛ ama a aka ogya,
te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so. 5Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,
ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.
Yakob nnebɔne ne sɛn?
Ɛnyɛ Samaria anaa?
Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?
Ɛnyɛ Yerusalem anaa? 6“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,
baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.
Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu
ama ne fapem ho ada hɔ. 7Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;
wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.
Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.
Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa
ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti
wɔde bɛma adwamanfoɔ.” 8Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;
mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.
Mɛpɔ so sɛ odompo
na masu sɛ ɔpatuo. 9Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;
abɛduru Yuda.
Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano
mpo aduru Yerusalem ankasa. 10Monnka no wɔ Gat
monnsu koraa
Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ
monyantam mfuturo mu. 11Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,
mo a mote Safir.
Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue
Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;
ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ. 12Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu
de twɛn mmoa,
ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba
abɛduru Yerusalem ɛpono ano. 13Mo a mote Lakis,
monsiesie nteaseɛnam no.
Mo ne bɔne farebae
ma Ɔbabaa Sion,
na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu. 14Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,
Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo. 15Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo
mo a mote Maresa.
Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no
bɛba Adulam. 16Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,
wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;
mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,
ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn
akɔ nnommumfa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.