Native Bible

Matthew 9:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa?

Matthew 9:4 in English

Matthew 9:4 · Berean Standard Bible

But Jesus knew * what they were thinking and said, “Why do you harbor evil in your hearts?

Context

2Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.” 3Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ hɔ no bi teaam sɛ, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!” 4Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa? 5Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ metumi de bɔne kyɛ. Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka sɛ, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante?’ ” 6Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ enti, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na kɔ efie ɛfiri sɛ, masa wo yadeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.