Native Bible

Matthew 8:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”

Matthew 8:27 in English

Matthew 8:27 · Berean Standard Bible

The men were amazed and asked, “What kind of man is this? Even the winds and the sea obey Him!”

Context

25Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!” 26Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. 27Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?” 28Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. 29Wɔhunuu no pɛ, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.