Mateo 8:10
Matthew 8:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da.
Matthew 8:10 in English
Matthew 8:10 · Berean Standard Bible
When Jesus heard this, He marveled and said to those following Him, “Truly I tell you, I have not found anyone in Israel with such great faith.
Context
8Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den. 9Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane wɔ asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabɔfra sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no.” 10Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da. 11Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob ato nsa adidi wɔ ɔsoro ahennie no mu. 12Na Israelfoɔ a wɔsiesiee ɔsoro ahennie maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔbɛto wɔn agu esum kabii mu, na wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn tiri atwa agyaadwoɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.