Mateo 7:8
Matthew 7:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
Matthew 7:8 in English
Matthew 7:8 · Berean Standard Bible
For everyone who asks receives; he who seeks finds; and to him who knocks, the door will be opened.
Context
6“Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so. 7“Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo. 8Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no. 9“Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ? 10Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.