Mateo 6:7
Matthew 6:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnkasakasa bebree ntiti nsɛm mu, nsusu sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn bɛtie mo.
Matthew 6:7 in English
Matthew 6:7 · Berean Standard Bible
And when you pray, do not babble on like pagans, for they think that by their many words they will be heard.
Context
5“Ɛfa mpaeɛbɔ ho nso, sɛ morebɔ mpaeɛ a, mommmɔ mpaeɛ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ gyina asɔredan mu ne mmɔntene so bɔ mpaeɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada. 6Sɛ wobɔ mpaeɛ a, hɔ wo dan mu, na to wo ɛpono mu, na bɔ wʼAgya a wɔnhunu no mpaeɛ, na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm no bɛtua wo ka. 7Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnkasakasa bebree ntiti nsɛm mu, nsusu sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn bɛtie mo. 8Mo Agya Onyankopɔn nim deɛ ɛhia mo nyinaa ansa na mobisa no. 9“Enti, saa ɛkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ:
“ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro,
wo din ho nte.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.