Mateo 6:27
Matthew 6:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?
Matthew 6:27 in English
Matthew 6:27 · Berean Standard Bible
Who of you by worrying can add a single hour to his life?*
Context
25“Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira. 26Monhwɛ ewiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduane di. Monnsom bo nsene wɔn anaa? 27Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin? 28“Adɛn enti na modwennwene ntoma ho? Monhwɛ afifideɛ bi sɛ sukooko. Wɔnnyɛ adwuma, anaasɛ wɔnwene ntoma ho. 29Nanso, Ɔhene Salomo ahonya ne nʼanimuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnuru sukooko yi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.