Mateo 5:5
Matthew 5:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira ne ahobrɛasefoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.
Matthew 5:5 in English
Matthew 5:5 · Berean Standard Bible
Blessed are the meek, for they will inherit the earth.*
Context
3“Nhyira ne wɔn a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ honhom mu,
na wɔn na ɔsoro ahennie yɛ wɔn dea. 4Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho,
na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ. 5Nhyira ne ahobrɛasefoɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so. 6Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn. 7Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ,
na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.