Native Bible

Matthew 4:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nnipa a wɔte sum mu no, Hann kɛseɛ bi apue ama wɔn. Hann no apue ama wɔn a wɔte owuo asase so.”

Matthew 4:16 in English

Matthew 4:16 · Berean Standard Bible

the people living in darkness have seen a great light; on those living in the land of the shadow of death, a light has dawned.”*

Context

14Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ sɛ, 15“Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo ɛkwan so, Yordan agya, Galilea a amanamanfoɔ te hɔ, 16nnipa a wɔte sum mu no, Hann kɛseɛ bi apue ama wɔn. Hann no apue ama wɔn a wɔte owuo asase so.” 17Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase sɛ, “Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn.” 18Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.