Mateo 27:62
Matthew 27:62 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no kɔɔ Pilato nkyɛn,
Matthew 27:62 in English
Matthew 27:62 · Berean Standard Bible
The next day, the one after Preparation Day, the chief priests and Pharisees assembled before Pilate.
Context
60na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforɔ bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano, ansa na ɔregya hɔ akɔ. 61Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no. 62Adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no kɔɔ Pilato nkyɛn, 63kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ɔtorofoɔ no kaa ɛberɛ bi sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsane aba nkwa mu bio.’ 64Yei enti, ma yɛn ɛkwan na yɛnkɔtare ɔboda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na sɛ ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire no nnaadaa bɛsene kane deɛ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.