Mateo 27:5
Matthew 27:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii hɔ kɔhyɛɛ ahoma.
Matthew 27:5 in English
Matthew 27:5 · Berean Standard Bible
So Judas threw the silver into the temple and left. Then he went away and hanged himself.
Context
3Saa ɛberɛ no ara mu, Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no hunuu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho yie. Enti, ɔsane de sika a ɔgye firii asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kaa sɛ, 4“Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.”
Wɔn nso kaa sɛ, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm.” 5Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii hɔ kɔhyɛɛ ahoma. 6Asɔfoɔ mpanin no sesaa sika no kaa sɛ, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn toɔ a yɛagyeɛ mu. Ɛfiri sɛ, yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ yɛbɛgye sika a wɔde abɔ awudie ho paa.” 7Wɔdwennwenee ho sii gyinaeɛ sɛ, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wɔtu hɔ dɔteɛ de nwono nkukuo, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusieeɛ ama ahɔhoɔ a wɔbɛwu wɔ Yerusalem no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.