Native Bible

Matthew 27:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho fɛ sɛ,

Matthew 27:39 in English

Matthew 27:39 · Berean Standard Bible

And those who passed by heaped abuse on Him, shaking their heads

Context

37Wɔtwerɛɛ nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi sɛ, “Yesu, Yudafoɔ Ɔhene No Ni.” 38Wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 39Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho fɛ sɛ, 40“Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na woseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam ma yɛnhwɛ!” 41Saa ara nso na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bɛdii ne ho fɛ sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.