Native Bible

Matthew 27:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de ɔno ankasa nʼatadeɛ no sane hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

Matthew 27:31 in English

Matthew 27:31 · Berean Standard Bible

After they had mocked Him, they removed the robe and put His own clothes back on Him. Then they led Him away to crucify Him.

Context

29ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe wɔ nʼanim hyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ Ɔhene, wo nkwa so.” 30Wɔtetee ntasuo guu ne so na wɔgyee dua no firii ne nsam de paa nʼapampam. 31Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de ɔno ankasa nʼatadeɛ no sane hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. 32Ɛberɛ a wɔde no rekɔ baabi a wɔbɔ asɛnnua mu hɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɛwɔ Abibirem. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi. 33Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a nʼasekyerɛ ne “Nitire So.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.