Native Bible

Matthew 26:60 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa bebree bɛdii adanseɛ, nanso wɔhunuu sɛ wɔredi adansekurumu ɛfiri sɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyire yi, nnipa baanu bi ba bɛkaa

Matthew 26:60 in English

Matthew 26:60 · Berean Standard Bible

But they did not find any, though many false witnesses came forward. Finally two came forward

Context

58Petro tee ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanin no efie hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ɛbɛsie. 59Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60Nnipa bebree bɛdii adanseɛ, nanso wɔhunuu sɛ wɔredi adansekurumu ɛfiri sɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyire yi, nnipa baanu bi ba bɛkaa 61sɛ, “Saa onipa yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ” 62Ɔsɔfopanin no sɔre bisaa Yesu sɛ, “Ɛdeɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.