Native Bible

Matthew 26:57 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɛdɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim, baabi a Yudafoɔ mpanin nyinaa ahyia hɔ.

Matthew 26:57 in English

Matthew 26:57 · Berean Standard Bible

Those who had arrested Jesus led Him away to the house of Caiaphas the high priest, where the scribes and elders had gathered.

Context

55Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan. 56Nanso, yei nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ adiyifoɔ no kaeɛ wɔ Atwerɛsɛm mu no bɛba mu.” Saa ɛberɛ no ara mu na asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no. 57Afei, ɛdɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim, baabi a Yudafoɔ mpanin nyinaa ahyia hɔ. 58Petro tee ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanin no efie hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ɛbɛsie. 59Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.