Mateo 26:53
Matthew 26:53 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monnim sɛ mɛtumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfoɔ mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?
Matthew 26:53 in English
Matthew 26:53 · Berean Standard Bible
Are you not aware that I can call on My Father, and He will at once put at My disposal more than twelve legions of angels?
Context
51Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso. 52Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “To wʼakofena no twene. Na wɔn a wɔtwe akofena no, akofena ano na wɔbɛwuo. 53Monnim sɛ mɛtumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfoɔ mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban? 54Nanso, sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ Atwerɛsɛm ka wɔ deɛ asi yi ho no bɛba mu?” 55Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.