Mateo 25:23
Matthew 25:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’
Matthew 25:23 in English
Matthew 25:23 · Berean Standard Bible
His master replied, ‘Well done, good and faithful servant! You have been faithful with a few things; I will put you in charge of many things. Enter into the joy of your master!’
Context
21“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’ 22“Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’ 23“Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’ 24“Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ; 25enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.