Native Bible

Matthew 24:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu,

Matthew 24:38 in English

Matthew 24:38 · Berean Standard Bible

For in the days before the flood, people were eating and drinking, marrying and giving in marriage, up to the day Noah entered the ark.

Context

36“Nanso, ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na ɔnim. 37Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ. 38Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu, 39na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ. 40Saa ɛberɛ no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no mu baako akɔ, na wɔagya ɔbaako.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.