Mateo 24:3
Matthew 24:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?”
Matthew 24:3 in English
Matthew 24:3 · Berean Standard Bible
While Jesus was sitting on the Mount of Olives, the disciples came to Him privately. “Tell us,” they said, “when will these things happen, and what will be the sign of Your coming and of the end of the age?”
Context
1Yesu refiri baabi a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahodoɔ a ɛwɔ asɔredan no mu. 2Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛdwiri saa dan yi agu pasaa!” 3Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?” 4Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ na obi annaadaa mo. 5Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.