Native Bible

Matthew 24:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohoa anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, monnye nni.

Matthew 24:23 in English

Matthew 24:23 · Berean Standard Bible

At that time, if anyone says to you, ‘Look, here is the Christ!’ or ‘There He is!’ do not believe it.

Context

21Ɛfiri sɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ ewiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da. 22“Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre. 23Sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohoa anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, monnye nni. 24Atorɔ Akristofoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no. 25Mabɔ mo kɔkɔ dada.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.