Mateo 21:3
Matthew 21:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no sɛ, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”
Matthew 21:3 in English
Matthew 21:3 · Berean Standard Bible
If anyone questions you, tell him that the Lord needs them, and he will send them right away.”
Context
1Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ. 2Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3Sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no sɛ, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.” 4Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka sɛ, 5“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ
wo ɔhene reba wo nkyɛn.
Ɔdwo, na ɔte afunumu ne,
afunumu ba so,” no mu den.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.