Mateo 20:22
Matthew 20:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim deɛ worebisa no.” Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane sɛ, “Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛbɛtumi!”
Matthew 20:22 in English
Matthew 20:22 · Berean Standard Bible
“You do not know what you are asking,” Jesus replied. “Can you drink the cup I am going to drink?”* “We can,” the brothers answered.
Context
20Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim. 21Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma woɔ?”
Ɔbuaa no sɛ, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.” 22Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim deɛ worebisa no.” Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane sɛ, “Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?”
Wɔbuaa no sɛ, “Yɛbɛtumi!” 23Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi sɛ meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no.” 24Asuafoɔ edu a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane akɔbisa no, wɔn bo fuiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.