Mateo 20:18
Matthew 20:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ.
Matthew 20:18 in English
Matthew 20:18 · Berean Standard Bible
“Look, we are going up to Jerusalem, and the Son of Man will be delivered over to the chief priests and scribes. They will condemn Him to death
Context
16“Asɛm a Yesu ka de wieeɛ ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wɔdi akyire no bɛdi ɛkan, na wɔn a wɔdi ɛkan no nso bɛdi akyire.’ ” 17Yesu siim sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafoɔ no kaa ne ho. 18Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ. 19Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asɛnnua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afiri awufoɔ mu.” 20Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.