Native Bible

Matthew 20:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmara bi si me ho ɛkwan sɛ mede me sika yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?’

Matthew 20:15 in English

Matthew 20:15 · Berean Standard Bible

Do I not have the right to do as I please with what is mine? Or are you envious because I am generous?’

Context

13“Ɔbuaa wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, mɛma wo ɛda koro adwuma so akatua anaa? 14Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Ɛfiri me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kane ne wɔn a wɔbaa akyire no nyinaa ka pɛ. 15Mmara bi si me ho ɛkwan sɛ mede me sika yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?’ 16“Asɛm a Yesu ka de wieeɛ ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wɔdi akyire no bɛdi ɛkan, na wɔn a wɔdi ɛkan no nso bɛdi akyire.’ ” 17Yesu siim sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafoɔ no kaa ne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.