Mateo 19:27
Matthew 19:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?”
Matthew 19:27 in English
Matthew 19:27 · Berean Standard Bible
“Look,” Peter replied, “we have left everything to follow You. What then will there be for us?”
Context
25Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa sɛ, “Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?” 26Yesu hwɛɛ wɔn buaa sɛ, “Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ.” 27Petro nso kaa sɛ, “Yɛagya biribiara hɔ abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?” 28Yesu buaa sɛ, “Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. 29Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.