Mateo 19:16
Matthew 19:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”
Matthew 19:16 in English
Matthew 19:16 · Berean Standard Bible
Just then a man came up to Jesus and inquired, “Teacher, what good thing must I do to obtain eternal life?”
Context
14Yesu kaa sɛ, “Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie yɛ wɔn dea.” 15Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri hɔ akɔ. 16Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” 17Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so.” 18Aberanteɛ no nso bisaa no sɛ, “Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?”
Yesu buaa no sɛ, “Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.