Native Bible

Mateo 18:11

Twi· Change

Matthew 18:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa.

Context

9Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu. 10“Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa. 11Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa. 12“Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no? 13Na sɛ ɛba sɛ ɔhunu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ efie no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.