Mateo 17:10
Matthew 17:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu asuafoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na da biara Yudafoɔ mpanin ka ti mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Agyenkwa no aba?”
Matthew 17:10 in English
Matthew 17:10 · Berean Standard Bible
The disciples asked Him, “Why then do the scribes say that Elijah must come first?”
Context
8Wɔpagyaa wɔn ani nso, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara. 9Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ mɛnyane afiri awufoɔ mu.” 10Yesu asuafoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na da biara Yudafoɔ mpanin ka ti mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Agyenkwa no aba?” 11Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma yie. 12Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhunu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.