Native Bible

Matthew 16:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!”

Matthew 16:22 in English

Matthew 16:22 · Berean Standard Bible

Peter took Him aside and began to rebuke Him. “Far be it from You, Lord!” he said. “This shall never happen to You!”

Context

20Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no. 21Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa kɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 22Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!” 23Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.” 24Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.