Mateo 10:32
Matthew 10:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
Matthew 10:32 in English
Matthew 10:32 · Berean Standard Bible
Therefore everyone who confesses Me before men, I will also confess him before My Father in heaven.
Context
30Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31Enti, monnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sene nkasanoma. 32“Obiara a ɔbɛka sɛ ɔnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ menim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 33Nanso, obiara a ɔbɛka sɛ ɔnnim me nnipa anim no, me nso mɛka sɛ mennim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 34“Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mmom akofena na mede baeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.