Native Bible

Luke 9:58 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!”

Luke 9:58 in English

Luke 9:58 · Berean Standard Bible

Jesus replied, “Foxes have dens and birds of the air have nests, but the Son of Man has no place to lay His head.”

Context

56na wɔfirii hɔ kɔɔ akuraa foforɔ bi ase. 57Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi.” 58Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!” 59Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso sɛ, “Bɛdi mʼakyiri.” Nanso, ɔbarima no kaa sɛ, “Awurade, ma me ɛkwan na menkɔsie mʼagya ansa.” 60Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.