Native Bible

Luke 9:50 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, ɛfiri sɛ, deɛ ɔntia mo no, na ɔwɔ mo afa.”

Luke 9:50 in English

Luke 9:50 · Berean Standard Bible

“Do not stop him,” Jesus replied, “for whoever is not against you is for you.”

Context

48na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔbɛgye saa abɔfra yi wɔ me din mu no, gye me; na deɛ ɔgye me no nso, gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛseɛ.” 49Yohane nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛhunuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.” 50Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, ɛfiri sɛ, deɛ ɔntia mo no, na ɔwɔ mo afa.” 51Na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ Yesu sane kɔ ɔsoro no rebɛn no, ɔsii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii ɛkan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.