Native Bible

Luke 9:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ.

Luke 9:34 in English

Luke 9:34 · Berean Standard Bible

While Peter was speaking, a cloud appeared and enveloped them, and they were afraid as they entered the cloud.

Context

32Saa ɛberɛ no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wɔnyanenyanee a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanimuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. 33Na ɛbaa sɛ nnipa no refiri Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa; wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no. 34Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ. 35Na nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!” 36Kasa yi akyi no, wohunuu sɛ aka Yesu nko ara na ɔgyina hɔ. Na mmerɛ no mu, wɔanka deɛ wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.