Native Bible

Luke 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ.

Luke 8:3 in English

Luke 8:3 · Berean Standard Bible

Joanna the wife of Herod’s household manager Chuza, Susanna, and many others. These women were ministering to them * out of their own means.

Context

1Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm. 2Ɔrekɔ no, nnipa a na wɔdi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no, 3ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ. 4Ɛda bi a nnipa bebree bi firi nkuro nkuro so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, 5“Ɛda bi, okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba. Ɔguiɛ no, aba no bi kɔguu ɛkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.