Native Bible

Luke 8:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano yɛ den bi bɔ maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ sɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie.

Luke 8:23 in English

Luke 8:23 · Berean Standard Bible

As they sailed, He fell asleep, and a windstorm came down on the lake, so that the boat was being swamped, and they were in great danger.

Context

21Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me maame ne me nuanom ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.” 22Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.” Wɔsiim a wɔrekɔ no, 23Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano yɛ den bi bɔ maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ sɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie. 24Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. 25Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn na monni gyidie?” Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.