Native Bible

Luke 5:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.”

Luke 5:8 in English

Luke 5:8 · Berean Standard Bible

When Simon Peter saw this, he fell at Jesus’ knees. “Go away from me, Lord,” he said, “for I am a sinful man.”

Context

6Wɔguu asau no na wɔyii nam bebree maa anka mpo asau no retete. 7Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Ɛnam no yɛɛ akodoɔ mmienu no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo. 8Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.” 9Ɛnam dodoɔ a wɔyiiɛ no yɛɛ Petro ne nʼahokafoɔ no nwanwa. 10Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwanwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nsuro, ɛfiri ɛnnɛ, wobɛyɛ nnipayifoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.