Native Bible

Luke 5:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaa ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi.

Luke 5:28 in English

Luke 5:28 · Berean Standard Bible

and Levi got up, left everything, and followed Him.

Context

26Wɔn a wɔgyina hɔ no ho dwirii wɔn. Ehu kaa wɔn. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.” 27Yei akyi no, Yesu firii hɔ kɔhunuu ɔtogyeni Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” 28Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaa ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi. 29Akyire yi, Lewi too ɛpono wɔ ne fie maa Yesu. Togyefoɔ ne nnipa ahodoɔ bebree kɔɔ apontoɔ no ase. 30Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wɔnwiinwii bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.