Luka 5:22
Luke 5:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene sɛ asɛm a mekaeɛ yi yɛ abususɛm?”
Luke 5:22 in English
Luke 5:22 · Berean Standard Bible
Knowing what they were thinking, Jesus replied, “Why are you thinking these things in your hearts?
Context
20Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.” 21Farisifoɔ no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hwan na ɔtumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?” 22Esiane sɛ Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene sɛ asɛm a mekaeɛ yi yɛ abususɛm?” 23Yesu bisaa wɔn sɛ, “Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi sɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka sɛ, sɔre na nante? 24Na sɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so enti.” Mereka akyerɛ wo sɛ, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ efie!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.