Native Bible

Luke 24:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase.

Luke 24:23 in English

Luke 24:23 · Berean Standard Bible

but they did not find His body. They came and told us they had seen a vision of angels, who said that Jesus was alive.

Context

21Yɛn deɛ, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebɛgye Israel, na bio nnansa ni a saa asɛm yi siiɛ. 22Na mmaa bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifoɔ sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiri yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, 23nanso wɔanhunu nʼamu no. Wɔsane bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔahunu ɔsoro abɔfoɔ ma wɔaka akyerɛ wɔn sɛ, Yesu te ase. 24Yɛn mu binom tuu mmirika kɔhwɛeɛ na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛdeɛ mmaa no kaeɛ no ara pɛ.” 25Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adwenemherɛfoɔ a monni gyidie; ɛyɛ mo den sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no aka no nyinaa adi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.