Luka 23:9
Luke 23:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a ɔyii ano.
Luke 23:9 in English
Luke 23:9 · Berean Standard Bible
Herod questioned Jesus at great length, but He gave no answer.
Context
7Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛte saa deɛ a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, ɛfiri sɛ, Galilea hyɛ nʼase. Saa ɛberɛ no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem. 8Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na ɔsusu nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no no enti, ɛberɛ a ɔhunuu no no, nʼani gyee yie, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbɛhunu no no, na akyɛre. 9Wɔbisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a ɔyii ano. 10Asɔfoɔ mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kɔɔ so ara kaa nsɛm a ɛnnim guu ne so. 11Herode ne nʼasomfoɔ no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei, Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene sane de no kɔmaa Pilato.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.