Native Bible

Luke 23:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔmammɔfoɔ baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi firi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abɛduru Yerusalem ha.”

Luke 23:5 in English

Luke 23:5 · Berean Standard Bible

But they kept insisting, “He stirs up the people all over Judea with His teaching. He began in Galilee and has come all the way here.”

Context

3Yei maa Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Ɛno ara na woaka no.” 4Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanin ne nnipadɔm no sɛ, “Menhunu asɛm biara a mɛgyina so abu onipa yi fɔ.” 5Nanso, wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔmammɔfoɔ baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi firi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abɛduru Yerusalem ha.” 6Pilato tee asɛm yi no, ɔbisaa sɛ, “Onipa yi yɛ Galileani anaa?” 7Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛte saa deɛ a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, ɛfiri sɛ, Galilea hyɛ nʼase. Saa ɛberɛ no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.