Luka 23:24
Luke 23:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Pilato penee wɔn abisadeɛ no so maa wɔn.
Luke 23:24 in English
Luke 23:24 · Berean Standard Bible
So Pilate sentenced that their demand be met.
Context
22Ɔbisaa wɔn ne mprɛnsa so sɛ, “Adɛn? Ɛdeɛn bɔne na wayɛ? Menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” 23Nanso, wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato deɛ no so sɛ, ɔmmɔ no asɛnnua mu. 24Enti, Pilato penee wɔn abisadeɛ no so maa wɔn. 25Wɔgyaee Baraba a ɛsiane sɛ ɔhwanyanee ɔman sane dii awu no enti, ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ no. 26Afei, wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wɔhyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ɔfiri afuom reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.