Luka 23:17
Twi· Change
- TwiAsante Twi
- SwahiliKiswahili
- YorubaYorùbá
- IgboIgbo
- EnglishBerean Standard Bible
Luke 23:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Twam Afahyɛ biara, Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.
Context
15Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno enti, wasane de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ megyina so bu no kumfɔ. 16Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” 17Twam Afahyɛ biara, Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn. 18Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ku no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyane ɔman na ɔsane dii awu enti, wɔde no too afiase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.