Luka 22:32
Luke 22:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, wo Simon deɛ, masrɛ ama wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wonu wo ho sane ba me nkyɛn a, hyɛ wo nuanom no gyidie mu den.”
Luke 22:32 in English
Luke 22:32 · Berean Standard Bible
But I have prayed for you, Simon, that your faith will not fail. And when you have turned back, strengthen your brothers.”
Context
30Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.” 31Afei, Awurade kaa sɛ, “Simon, Simon! Monhwɛ yie na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ. 32Nanso, wo Simon deɛ, masrɛ ama wo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wonu wo ho sane ba me nkyɛn a, hyɛ wo nuanom no gyidie mu den.” 33Petro buaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bɛwu.” 34Yesu nso buaa no sɛ, “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.