Native Bible

Luke 22:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ, “Ewiase deɛ, atumfoɔ hyɛ wɔn a wɔdi wɔn so no so ma wɔn nso a wɔhyɛ wɔn so no nso bu wɔn sɛ wɔn adɛɛfoɔ.

Luke 22:25 in English

Luke 22:25 · Berean Standard Bible

So Jesus declared, “The kings of the Gentiles lord it over them, and those in authority over them call themselves benefactors.

Context

23Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyi no ama no. 24Asuafoɔ no gyee wɔn ho akyinnyeɛ pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no mu. 25Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ, “Ewiase deɛ, atumfoɔ hyɛ wɔn a wɔdi wɔn so no so ma wɔn nso a wɔhyɛ wɔn so no nso bu wɔn sɛ wɔn adɛɛfoɔ. 26Nanso, mo deɛ, deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na deɛ ɔdi mo so no nso nyɛ mo mu ɔsomfoɔ. 27Merebisa mo sɛ, nnipa baanu yi mu hwan na ɔdi ne yɔnko so, deɛ ɔte adidipono ho anaa deɛ ɔsom deɛ ɔte adidipono no ho no? Nanso, me deɛ, mewɔ mo mu sɛ mo ɔsomfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.