Native Bible

Luke 22:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mereka akyerɛ mo sɛ, saa adidie yi akyi no, merenni Twam Afahyɛ aduane yi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”

Luke 22:16 in English

Luke 22:16 · Berean Standard Bible

For I tell you that I will not eat it again until it is fulfilled in the kingdom of God.”

Context

14Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho. 15Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam Afahyɛ aduane yi, ansa na mahunu amane no akyɛre. 16Mereka akyerɛ mo sɛ, saa adidie yi akyi no, merenni Twam Afahyɛ aduane yi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.” 17Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Monnye na obiara nnom bi. 18Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa yi bi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.