Luka 20:35
Luke 20:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn.
Luke 20:35 in English
Luke 20:35 · Berean Standard Bible
But those who are considered worthy to share in the age to come and in the resurrection from the dead will neither marry nor be given in marriage.
Context
33Yɛn asɛmmisa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa enti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?” 34Yesu buaa sɛ, “Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho. 35Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn. 36Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. 37Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.