Luka 2:21
Luke 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Ɛda no ara na wɔtwaa no twetia.
Luke 2:21 in English
Luke 2:21 · Berean Standard Bible
When the eight days until His circumcision had passed, He was named Jesus, the name the angel had given Him before He had been conceived.
Context
19Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 21Abɔfra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Ɛda no ara na wɔtwaa no twetia. 22Ɛberɛ duruu sɛ Yosef ne Maria kɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara kyerɛ no, wɔde abɔfra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. 23Sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbaa wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.