Luka 19:6
Luke 19:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so.
Luke 19:6 in English
Luke 19:6 · Berean Standard Bible
So Zacchaeus hurried down and welcomed Him joyfully.
Context
4Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako. 5Ɛberɛ a Yesu duruu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so hunuu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam, na wo fie na ɛnnɛ mɛtena.” 6Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so. 7Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.” 8Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.