Native Bible

Luke 17:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Saa ara nso na da a Onipa Ba no bɛsane aba no, ɛbɛyɛ.

Luke 17:30 in English

Luke 17:30 · Berean Standard Bible

It will be just like that on the day the Son of Man is revealed.

Context

28“Saa ara nso na Lot berɛ so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii dwa, yɛɛ mfuo, sisii adan, 29kɔsii sɛ Lot firii Sodom na ogya ne sɔfe firi ɔsoro bɛhyee saa nnipa no nyinaa. 30“Saa ara nso na da a Onipa Ba no bɛsane aba no, ɛbɛyɛ. 31Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuo mu anaa edwa so sane nʼakyi ba efie sɛ ɔrebɛsesa nʼahodeɛ. 32Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.